31 Na Hesekia kae sɛ: “Afei moahyɛ+ mo nsam den ama Yehowa adwuma. Montwe mmɛn, na momfa afɔrebɔde+ ne aseda+ afɔre mmra Yehowa fie.” Ɛnna bagua no de afɔrebɔde ne aseda afɔre bae, na obiara a ne koma kaa no de ɔhyew afɔre+ bae.
43 Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse+ saa da no na wodii ahurusi+ efisɛ nokware Nyankopɔn no maa wɔn ani gyei kɛse.+ Mmea+ ne mmofra+ no nso dii ahurusi ma wɔtee Yerusalem ahurusidi no wɔ akyirikyiri.+