14 na sɛ me man+ a me din+ da wɔn so no brɛ wɔn ho ase+ na wɔbɔ mpae+ hwehwɛ m’akyi kwan,+ na wɔdan fi wɔn akwammɔne+ ho a, ɛnde me nso mefi ɔsoro atie+ na mede wɔn bɔne akyɛ+ wɔn, na masa wɔn asase yare.+
10 Yehowa anom asɛm ni:+ “Mone m’adansefo, m’akoa a mapaw no,+ na ama moahu+ agye me adi,+ na moahu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+
19 O Yehowa, tie yɛn.+ O Yehowa, fa firi yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso na keka wo ho.+ O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase,+ efisɛ wo din na ɛda wo kurow ne wo man so.”+