Hiob 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔyɛ koma mu nyansafo ne tumi mu ɔhoɔdenfo.+Hena na obetumi atew no so atua na asi no yiye?+ Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+