15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnde nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
10 Na wɔn a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma so nyinaa hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Nnome nka obiara a ɔntena nea wɔakyerɛw no Mmara nhoma yi mu nyinaa mu na onni so.”+