Dwom 81:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 O sɛ anka me man retie me ɛ,+Sɛ anka Israel bɛnantew m’akwan so ɛ!+ Mmebusɛm 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Onyansafo betie na ne nimdeɛ adɔɔso,+ na onimdefo anya akwankyerɛ pa,+ Mmebusɛm 27:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.+