Exodus
28 “Afei frɛ wo nua Aaron ne ne mma fi Israelfo mu bra na wɔnsom sɛ asɔfo wɔ m’anim;+ Aaron+ ne ne mma Nadab, Abihu,+ Eleasar, ne Itamar.+ 2 Pam ntade kronkron ma wo nua Aaron na ɛnhyɛ no anuonyam na ne ho nyɛ fɛ.+ 3 Wo ne anyansafo a mede nyansa honhom+ ahyɛ wɔn koma mã nyinaa nkasa. Ma wɔmpam ntade mma Aaron na ne ho ntew na watumi asom sɛ ɔsɔfo wɔ m’anim.+
4 “Ntade yi na wɔmpam: nkatabo,+ nguguso,+ nsasin,+ atade tenten a wɔanwene no adamadam, abotiten+ ne abomu.+ Ma wɔnyɛ ntade kronkron mma wo nua Aaron ne ne mma na wɔasom sɛ asɔfo wɔ m’anim. 5 Ma wɔmfa sika kɔkɔɔ, ahama bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera nyɛ.
6 “Wɔmfa sika, ahama bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera nnwene nguguso+ no. 7 Wɔmfa ade ntoto ne mmati abien no so na wɔnka nsi anim.+ 8 Ɛsɛ sɛ wɔde sika, ahama bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera a wɔanwene no ara bi yɛ abɔso+ a wɔde bɛkyekyere.
9 “Afei fa soham+ abo abien na kurukyerɛw+ Israel mma no din+ wɔ so. 10 Kyerɛw din asia wɔ ɔbo biako so, na kyerɛw asia a aka no nso din wɔ ɔbo biako so, fi ɔpanyin so kosi akumaa so.+ 11 Kurukyerɛw Israel mma din no wɔ abo abien no so+ sɛnea wɔkyerɛw nsɔano so. Fa sika kɔkɔɔ fofa ano.+ 12 Fa abo abien no sisi atade no mmati so na ɛnyɛ nkae abo mma Israel mma.+ Na Aaron mfa wɔn din a ɛwɔ ne mmati abien so no mmra Yehowa anim sɛ nkaede. 13 Fa sika fofa ano, 14 na fa sika amapa+ yɛ ntweaban abien. Nwene no sɛ ahama na fa ntweaban no suso mfofaano no mu.+
15 “Afei nwene atemmu nkatabo+ te sɛ nguguso no. Fa sika kɔkɔɔ, ahama bruu, tankɔkɔɔ, koogyan ne nwera yɛ.+ 16 Sɛ wɔka to so a, ɛnyɛ ahinanan; ne ntwemu nyɛ nsateakwaa akron,* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ nsateakwaa akron.+ 17 Na fa abohene tetare mu. Yɛ no nsãso anan.+ Nsãso a edi kan ne aboɔdenbo kɔkɔɔ+ ne akraatebo+ ne ahabammonobo.+ 18 Nsãso a ɛto so abien ne nsrammabo+ ne hoabo+ ne ahwehwɛbo.+ 19 Nsãso a ɛto so abiɛsa ne lesembo ne mfrafraebo+ ne beredumbo.+ 20 Nsãso a ɛto so anan ne sikaberebo+ ne sohambo+ ne yasepebo. Fa sika kɔkɔɔ toto anoano.+ 21 Kurukyerɛw Israel mma dumien no din+ wɔ abo no so. Kyerɛw no sɛnea wɔkyerɛw nsɔano so, na ebiara nnyina hɔ mma Israel mmusua dumien+ no mu biako.
22 “Fa sika amapa nwene ntweaban wɔ nkatabo no so sɛ ahama.+ 23 Na fa sika yɛ nkawa abien wɔ nkatabo no so,+ na fa nkawa abien no hyehyɛ nkatabo no ntwea abien no so. 24 Afei fa nhama abien a wode sika ayɛ no hyehyɛ nkawa abien no mu wɔ nkatabo no ntwea so.+ 25 Na fa nhama abien ano a aka no hyehyɛ ade a wɔde atoto nguguso no mmati abien no so no mu wɔ atade no anim.+ 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa abien fa hyehyɛ nkatabo no ntwea ase ma ɛnkyerɛ asɔfotade a ɛhyɛ ase+ no. 27 Afei fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa abien fa hyehyɛ ade abien a ɛda nguguso no mmati so no ase wɔ atade no anim wɔ ɛrekɔ ne ntoae so, abɔso no so.+ 28 Wɔmfa ahama bruu nhyehyɛ nkawa no mu nkyekyere nkatabo no mmɔ nguguso no mu wɔ abɔso no so, na nkatabo no amfi nguguso no so.+
29 “Na Aaron mfa Israel mma din a ɛwɔ atemmu nkatabo so no mmɔ ne koko so mmra Kronkronbea hɔ sɛ nkaede wɔ Yehowa anim daa. 30 Afei fa Urim+ ne Tumim* hyɛ atemmu nkatabo no mu, na sɛ Aaron ba Yehowa anim a, ɔmmɔ wɔ ne koko so. Enti Aaron mma Israelfo no atemmu+ nna ne koma so daa wɔ Yehowa anim.
31 “Fa ahama bruu nkutoo yɛ asɔfotade nsasin no.+ 32 Twa atade no kɔn wɔ ne mfinimfini na nwene ano hyia. Yɛ no sɛ akotade kɔn na antew amfa mu.+ 33 Fa ahama bruu ne tankɔkɔɔ ne koogyan nwene granate akutu* sensɛn ano hyia. Afei yɛ sika adɔmma+ hyehyɛ granate akutu no ntam hyia. 34 Enti granate akutu biara akyi no, sika adɔmma di hɔ; ɛnsesa so wɔ asɔfotade nsasin no ano nhyia.+ 35 Aaron nhyɛ atade yi mfa nsom. Sɛ ɔkɔ kronkronbea hɔ kogyina Yehowa anim a, wɔbɛte nnyigyei wɔ ne ho, na opue nso a, wɔbɛte. Ɔnyɛ saa na wanwu.+
36 “Afei fa sika amapa yɛ ade tratraa hyɛnn bi na kurukyerɛw so, sɛnea wɔkyerɛw nsɔano so, sɛ ‘Kronkron ne Yehowa.’+ 37 Fa ahama bruu so mu na ɛmfam abotiten+ no so wɔ abotiten no anim. 38 Ɛmmɔ Aaron moma so, na sɛ mmusu ba ayɛyɛde kronkron a ɛsɛ sɛ Israelfo no tew ho no so a, Aaron asoa ɛho asodi ama wɔn.+ Ɛmmɔ ne moma so daa na ama Yehowa ani asɔ wɔn.+
39 “Afei fa nwera nwene atade tenten; yɛ no adamadam, na fa nwera yɛ abotiten+ na nwene abomu nso.+
40 “Yɛ atade+ ne abomu ne abotiri+ ma Aaron mma no nso na ɛnhyɛ wɔn anuonyam na wɔn ho nyɛ fɛ.+ 41 Fa asɔfotade no hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma na fa ngo sra wɔn+ na ma wɔn tumi.*+ Afei tew wɔn ho na wɔnsom sɛ asɔfo wɔ m’anim. 42 Fa nwera pam twakoto ma wɔmfa nkata wɔn ho+ mfi wɔn sisi nkosi wɔn srɛ. 43 Bere biara a Aaron ne ne mma bɛba ahyiae ntamadan no mu anaa wɔbɛba afɔremuka ho abɛsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na wɔanyɛ abusude na wɔanwuwu. Eyi yɛ ahyɛde a ɔne ne nkyirimma bedi so daa.+