6 Na Yehowa betwaam wɔ n’anim paeem kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo+ ne ɔdomfo,+ nea ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ ne ne nokwaredi+ dɔɔso.
3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn behu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfo a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa so.+
9 Sɛ mosan+ ba Yehowa nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛma wɔasan aba asase yi so,+ efisɛ Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunufo,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.”+
7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+