Exodus 32:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ma minyi m’abufuw adi na mentɔre wɔn ase+ na menyɛ wo ɔman kɛse.”+ Numeri 25:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Enti Israel de ne ho kɔbɔɔ Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuw Israel denneennen.+ Deuteronomium 11:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na osu rentɔ,+ na asase remmɔ aduan. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afi asase pa a Yehowa de ama mo no so.+ Atemmufo 2:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Afei Yehowa abufuw dɛw hyɛɛ Israel,+ na ɔde wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa ma wɔfow wɔn nneɛma.+ Na ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no,+ na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+
17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na osu rentɔ,+ na asase remmɔ aduan. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afi asase pa a Yehowa de ama mo no so.+
14 Afei Yehowa abufuw dɛw hyɛɛ Israel,+ na ɔde wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa ma wɔfow wɔn nneɛma.+ Na ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no,+ na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+