Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 13:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Ɔbarima biara a obebue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a odi kan no, hyira so ma me. Ɛyɛ me dea.”+

  • Exodus 34:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 “Nea ebue yafunu ano biara yɛ me dea,+ na wo mmoa nso, nantwi oo, oguan oo, onini biara a odi kan no yɛ me dea.+

  • Leviticus 27:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 “‘Aboa biara abakan de, ɛnsɛ sɛ obi hyira so, efisɛ ɛyɛ Yehowa dea+ dedaw. Nantwi oo, oguan oo, ɛyɛ Yehowa dea.+

  • Numeri 3:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Hwɛ, abakan biara yɛ me dea.+ Da a mikum Egypt asase so mmakan+ nyinaa no, mihyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so fae, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Enti wɔyɛ me dea. Mene Yehowa.”

  • Numeri 18:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “Onipa anaa aboa a obue yafunu ano+ biara a wɔde no bɛma Yehowa no bɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mu mmakan+ de, ma wontua sika nnye wɔn. Saa ara na aboa a ne ho akum abakan nso ma wontua sika nnye no.+

  • Numeri 18:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Nanso nantwinini anaa odwennini anaa abirekyi a ɔyɛ abakan de, mfa sika nsesa,+ efisɛ ɔyɛ kronkron. Fa ne mogya+ petepete afɔremuka no so, na hyew ne srade sɛ ogya afɔre huamhuam ma Yehowa.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena