13 Hwɛ, abakan biara yɛ me dea.+ Da a mikum Egypt asase so mmakan+ nyinaa no, mihyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so fae, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Enti wɔyɛ me dea. Mene Yehowa.”
15 “Onipa anaa aboa a obue yafunu ano+ biara a wɔde no bɛma Yehowa no bɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mu mmakan+ de, ma wontua sika nnye wɔn. Saa ara na aboa a ne ho akum abakan nso ma wontua sika nnye no.+