Deuteronomium 5:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Afei Mose frɛɛ Israelfo nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, muntie ahyɛde ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Munsua na munni ne nyinaa so.+ Deuteronomium 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so;+ Deuteronomium 12:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ 2 Ahene 21:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na sɛ Israel hwɛ di nea mahyɛ wɔn+ no nyinaa, mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa so a, me nso meremma wɔn nan mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkokyinkyin bio.”
5 Afei Mose frɛɛ Israelfo nyinaa+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Israel, muntie ahyɛde ne atemmusɛm+ a mereka agu mo asom nnɛ yi. Munsua na munni ne nyinaa so.+
8 Na sɛ Israel hwɛ di nea mahyɛ wɔn+ no nyinaa, mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa so a, me nso meremma wɔn nan mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so+ nkokyinkyin bio.”