5 Na Ai mmarima no kunkum wɔn mu bɛyɛ aduasa asia, na wɔtaa+ wɔn fii kurow no ano kosii Sebarim, na bere a wɔresian nyinaa na wɔrekunkum wɔn. Eyi maa nnipa no koma nanee na ɛyɛe sɛ nsu.+
24 Afei Yosua ne Israelfo nyinaa de Sera ba Akan+ ne dwetɛ ne atade ne sika kɔkɔɔ+ no ne ne mmabarima ne ne mmabea ne n’anantwi ne ne mfurum ne ne nguan ne ne ntamadan ne biribiara a ɔwɔ baa Akor bon+ mu.
25 Afei Yosua kae sɛ: “Dɛn nti na wode mmusu aba yɛn so yi?+ Yehowa nso de mmusu bɛba wo so nnɛ.” Ɔkaa saa no, Israelfo nyinaa siw no abo,+ na akyiri yi wɔde ogya hyew wɔn.+ Enti wosiw wɔn abo.