16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda;+ na ɔman yi du asase a wɔrekɔ so+ no so a, wɔbɛsɔre+ ne ananafo anyame abɔ aguaman wɔ wɔn mfinimfini pɛɛ. Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+
6 Na Israelfo no fii ase yɛɛ bɔne bio wɔ Yehowa ani so,+ na wɔsom Baal+ ne Astoret+ ahoni ne Siria+ anyame ne Sidon+ anyame ne Moab+ anyame ne Ammonfo+ anyame ne Filistifo+ anyame. Enti wɔpoo Yehowa na wɔansom no.+