Exodus 34:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na mummubu wɔn afɔremuka ne wɔn abosom adum no, na muntwitwa wɔn abosonnua ngu.+ Deuteronomium 12:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Mummubu wɔn afɔremuka+ ne wɔn abosom adum,+ na momfa ogya nhyew wɔn abosonnua,+ na muntwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompopa wɔn din mfi hɔ koraa.+ Deuteronomium 16:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Nnua dua biara mfa nyɛ abosonnua wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔremuka a wubesi no ho.+ 1 Ahene 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Na Ahab sii ɔbosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa.
3 Mummubu wɔn afɔremuka+ ne wɔn abosom adum,+ na momfa ogya nhyew wɔn abosonnua,+ na muntwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompopa wɔn din mfi hɔ koraa.+
33 Na Ahab sii ɔbosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa.