Rut 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfi w’akyi; na baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda.+ Wo man bɛyɛ me man,+ na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+ Mmebusɛm 17:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Yɔnkonom bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfo bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.+ Hebrifo 10:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a egye ɔkra nkwa.+
16 Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfi w’akyi; na baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda.+ Wo man bɛyɛ me man,+ na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+
39 Yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a egye ɔkra nkwa.+