1 Samuel 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔbɔ n’anokwafo nan ho ban,+Na nnebɔneyɛfo de, esum mu na wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom,+Efisɛ ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nkonim.+ Dwom 33:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hwɛ! Yehowa ani wɔ wɔn a wosuro no so;+Ɛwɔ wɔn a wɔhwɛ n’adɔe kwan no so,+ Dwom 54:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafo;+Yehowa wɔ wɔn a woso me kra mu no afã. Dwom 124:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yɛn kra te sɛ anomaa a watetew ne ho+Afi ofirisumfo afiri mu.+Afiri no abubu,+Na yɛn nso yɛaguan.+ Mmebusɛm 21:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Nyansa ne nhumu ne afotu bi nni hɔ a ɛne Yehowa bedi asi.+ Romafo 8:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+
9 Ɔbɔ n’anokwafo nan ho ban,+Na nnebɔneyɛfo de, esum mu na wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom,+Efisɛ ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nkonim.+