1 Samuel 26:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na Dawid toaa so kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ Yehowa na ɔbɛbɔ no;+ anyɛ saa nso a, ne da bedu+ ma wawu, anaa ɔbɛkɔ ɔsa+ ma wɔapra no akɔ.+ 1 Beresosɛm 10:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Saa na ɛyɛe a Saul wui ne mmarato mu efisɛ wannye Yehowa anni,+ na wanni Yehowa asɛm so; ɔkɔɔ abisa nso wɔ ɔdebisafo+ hɔ. Hosea 13:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 M’abufuw mu na memaa mo ɔhene,+ na m’anibere mu na mɛfa no akɔ.+
10 Na Dawid toaa so kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ Yehowa na ɔbɛbɔ no;+ anyɛ saa nso a, ne da bedu+ ma wawu, anaa ɔbɛkɔ ɔsa+ ma wɔapra no akɔ.+
13 Saa na ɛyɛe a Saul wui ne mmarato mu efisɛ wannye Yehowa anni,+ na wanni Yehowa asɛm so; ɔkɔɔ abisa nso wɔ ɔdebisafo+ hɔ.