13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ wo+ no so; sɛ wudii so a, anka Yehowa bɛma w’ahenni atim Israel so afebɔɔ.
23 Enti sɛ ɛba sɛ Onyankopɔn ma honhom no ba Saul so a, na Dawid afa sanku no de ne nsa abɔ, na Saul ho atɔ no ma n’asom adwo no, na honhom bɔne no afi no so.+
7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ ɔkɔmfo bea bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, ɔkɔmfo bea bi wɔ En-Dor.”+
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ nea okura n’akode no sɛ: “Twe wo nkrante+ fa hwirew me mu na momonotofo+ yi ammehwirew me mu anyɛ me aninyanne.” Nanso n’akodekurafo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ efisɛ na ehu kɛse aka no. Enti Saul faa nkrante no na ɔhwee so.+