27 Dawid sɔree, na ɔne ne mmarima no siim kokunkum+ Filistifo ahanu, na Dawid de wɔn dua ano were+ bae, na wɔkan ma ɛsoe de maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babea Mikal maa no aware.+
13 Ɛnna ɔkae sɛ: “Eye! Me ne wo bɛyɛ apam. Ade biako pɛ na merebisa afi wo hɔ, ɛne sɛ, ‘Mma m’anim,+ gye sɛ wode Saul babea Mikal+ abrɛ me ansa na woabehu m’anim.’”
20 Ɛnna Dawid san kɔe sɛ ɔrekohyira ne fie,+ na Saul babea Mikal+ fii adi behyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Anuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi+ sɛ wapa ne ho wɔ ne nkoa mfenaa anim sɛnea mmarima ahuhufo no bi pa ne ho nyinaa no!”+