1 Samuel 14:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+ Dwom 97:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 O mo a modɔ Yehowa nyinaa,+ munkyi bɔne.+Ɔwɛn n’anokwafo kra;+Ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam.+ Dwom 124:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa din mu na yɛn mmoa wɔ,+Ɔsoro ne asase Yɛfo no.”+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+