Deuteronomium 28:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo so no, Yehowa bɛma woadi wɔn so.+ Wɔbɛfa ɔkwan biako so aba wo so na wɔafa akwan ason so aguan afi w’anim.+ Yosua 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mo mu biako pɛ betiw nnipa apem,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛnea wahyɛ mo bɔ no.+ Hebrifo 11:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 dwudwoo ogya ano,+ guanee nkrante ano,+ nyaa ahoɔden bere a wɔyɛɛ mmerɛw,+ bɛyɛɛ ɔko mu nnɔmmarima,+ kaa ananafo dɔm gui.+
7 “W’atamfo a wɔbɛsɔre aba wo so no, Yehowa bɛma woadi wɔn so.+ Wɔbɛfa ɔkwan biako so aba wo so na wɔafa akwan ason so aguan afi w’anim.+
34 dwudwoo ogya ano,+ guanee nkrante ano,+ nyaa ahoɔden bere a wɔyɛɛ mmerɛw,+ bɛyɛɛ ɔko mu nnɔmmarima,+ kaa ananafo dɔm gui.+