8 Na yɛ w’akoa adɔe,+ efisɛ Yehowa apam+ na wo ne w’akoa ayɛ. Nanso sɛ amumɔyɛ bi wɔ me mu+ a, wo ara kum me, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode me hyɛ wo papa nsa?”
42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoe kɔ,+ efisɛ yɛn baanu nyinaa aka ntam+ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa ntena me ne wo ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa.’”+
Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan nso kɔɔ kurow no mu.