Deuteronomium 32:43 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+Obetua n’atamfo ka,+Obebisa ne nkoa mogya afi wɔn nsam,+Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfo asase.” Atemmufo 9:57 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 57 Na Onyankopɔn maa Sekemfo bɔne nyinaa baa wɔn ankasa ti so, na Yerubaal+ ba Yotam+ nnome+ no baa wɔn so.+ 2 Samuel 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Afei Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wo mogya ho afɔdi begu w’atifi+ efisɛ w’ano na adi adanse atia wo+ sɛ, ‘Me ara na mikum nea Yehowa asra no’ no.”+ 1 Ahene 2:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Na ɛda a wubefi adi akotwa Kidron subon+ no, hu sɛ owu na wubewu.+ Mogya ho afɔdi begu wo ara w’atifi.”+ Dwom 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔno ara ti so na ne haw bɛba,+Na ne mpampam na ne basabasayɛ bɛba.+ Dwom 55:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+ Dwom 94:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔbɛma wɔn amumɔyɛsɛm adan aba wɔn so,+Na wɔn mmusu na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+ Mmebusɛm 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ɔbɔnefo de, ɔno ara n’amumɔyɛ na ebeyi no,+ na n’ankasa bɔne nhama na ɛbɛkyekyere no.+ Mmebusɛm 28:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Onipa a ɔkra mogya ho afɔdi da no so no, obeguan ara akɔtɔ amoa mu.+ Mma obiara nnso no mu.
43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+Obetua n’atamfo ka,+Obebisa ne nkoa mogya afi wɔn nsam,+Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfo asase.”
57 Na Onyankopɔn maa Sekemfo bɔne nyinaa baa wɔn ankasa ti so, na Yerubaal+ ba Yotam+ nnome+ no baa wɔn so.+
16 Afei Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wo mogya ho afɔdi begu w’atifi+ efisɛ w’ano na adi adanse atia wo+ sɛ, ‘Me ara na mikum nea Yehowa asra no’ no.”+
37 Na ɛda a wubefi adi akotwa Kidron subon+ no, hu sɛ owu na wubewu.+ Mogya ho afɔdi begu wo ara w’atifi.”+
23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+
23 Ɔbɛma wɔn amumɔyɛsɛm adan aba wɔn so,+Na wɔn mmusu na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+