Exodus 40:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Bere a Mose rehyehyɛ ntamadan no, ɔde nnyinaso+ no totoo fam na ɔde nnua+ no hyehyɛɛ mu. Afei ɔde nnua beabeaa mu+ na osisii adum+ no. Exodus 40:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na omununkum+ bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na Yehowa anuonyam bɛhyɛɛ ntamadan no mu mã. Asomafo Nnwuma 7:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 “Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare no so, sɛnea ɔhyɛɛ Mose bere a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no te sɛ nhwɛsode a ohui no.+ 1 Beresosɛm 17:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Efi da a mikoyii Israel bae de besi nnɛ, mentenaa ofie mu da,+ ntamadan mu ara na matena, na mifi tenabea+ biako mu kɔ tenabea foforo mu.+
18 Bere a Mose rehyehyɛ ntamadan no, ɔde nnyinaso+ no totoo fam na ɔde nnua+ no hyehyɛɛ mu. Afei ɔde nnua beabeaa mu+ na osisii adum+ no.
44 “Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare no so, sɛnea ɔhyɛɛ Mose bere a ɔrekasa akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no te sɛ nhwɛsode a ohui no.+
5 Efi da a mikoyii Israel bae de besi nnɛ, mentenaa ofie mu da,+ ntamadan mu ara na matena, na mifi tenabea+ biako mu kɔ tenabea foforo mu.+