Atemmufo 4:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Afei Heber yere Yael kɔfaa ntamadan pɛɛwa ne asae. Na bere a Sisera abrɛ na wada hatee no, ɔbea no wiawiaa ne ho kɔɔ ne nkyɛn, na ɔde asae no bɔɔ pɛɛwa no so wuraa n’asontɔrem+ ma esii fam. Enti owui.+ Atemmufo 5:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Yehowa, ma w’atamfo nyinaa nsɛe saa ara,+Na ma w’adɔfo+ nyɛ sɛ owia a egyina so denneennen.”+Afei asase no so dwoe mfe aduanan.+ Dwom 45:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 W’agyan nnamnam no bɛwowɔ ɔhene atamfo koma mu;+Aman bɛhwehwe ase daa wo nan ase.+
21 Afei Heber yere Yael kɔfaa ntamadan pɛɛwa ne asae. Na bere a Sisera abrɛ na wada hatee no, ɔbea no wiawiaa ne ho kɔɔ ne nkyɛn, na ɔde asae no bɔɔ pɛɛwa no so wuraa n’asontɔrem+ ma esii fam. Enti owui.+
31 Yehowa, ma w’atamfo nyinaa nsɛe saa ara,+Na ma w’adɔfo+ nyɛ sɛ owia a egyina so denneennen.”+Afei asase no so dwoe mfe aduanan.+