51 Wowiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛe no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no bae;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenne no nyinaa beguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
18 Ɛnna Asa faa Yehowa fie ne ahemfie akorade mu dwetɛ ne sika a aka nyinaa de hyɛɛ n’asomfo nsam, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba, Siria hene+ Ben-Hadad+ a ɔte Damasko+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:
13 Afei ɔfaa Yehowa fie akorade nyinaa ne ahemfie akorade+ no kɔe, na otwitwaa sika anwenne+ a Israel hene Solomon yɛe wɔ Yehowa asɔredan mu no nyinaa mu asinasin sɛnea Yehowa kae no.