Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Ahene 17:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Kuku no mu esiam no ansa, na ahina no mu ngo no nso ansa,+ sɛnea Yehowa nam Elia so kae no.

  • 1 Ahene 17:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Na Yehowa tiee Elia nne,+ enti abofra no kra san baa ne mu, na ɔbaa nkwa mu.+

  • 1 Ahene 18:36
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 36 Bere a aduan afɔre bere+ dui no, Elia twiw bɛn afɔremuka no, na ɔkae sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel+ Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wonhu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel,+ na me nso meyɛ w’akoa, na w’asɛm+ so na menam ayɛ eyinom nyinaa.

  • 1 Ahene 18:46
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 46 Ná Yehowa nsa wɔ Elia so,+ enti ɔkyekyeree n’asen+ tuu mmirika kosian Ahab ho koduu Yesreel.+

  • 2 Ahene 2:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Ɛnna Elia yii n’atade,+ na ɔbobɔw de bɔɔ nsu no mu, na nsu no mu pae nkakrankakra kɔɔ ha ne ha maa wɔn baanu no faa asase kesee so twae.+

  • 2 Ahene 2:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Bere a wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ! ogya teaseɛnam+ ne ogya apɔnkɔ bɛtetew wɔn baanu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro.+

  • 2 Beresosɛm 21:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Akyiri yi onyaa krataa+ fii odiyifo Elia+ hɔ sɛ: “Nea Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka ni, ‘Esiane sɛ woannantew wo papa Yehosafat+ ne Yuda hene Asa+ akwan so,

  • Luka 1:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Afei nso, ɔde Elia+ honhom ne ne tumi bedi n’anim, de adan agyanom koma+ aba mma so ne asoɔdenfo aba treneefo nyansa ho, asiesie nkurɔfo+ bi ama Yehowa.”+

  • Yohane 1:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Ɛnna wobisaa no sɛ: “Ɛnde na woyɛ hena? Wone Elia anaa?”+ Na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mene no.” “Wone Odiyifo no?”+ Ɛnna obuae sɛ: “Dabi!”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena