Kwadwom 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yehowa atow me nnɔmmarima nyinaa afi me mu agu.+Wafrɛ nhyiam atia me sɛ wommubu me mmerante mu asinasin.+Yuda babea, ɔbaabun no, nsã-kyi-amoa+ mu na Yehowa atiatia.+ Kwadwom 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 O Yerusalem babea, dɛn na memfa nyɛ adanse mma wo? Dɛn ho na memfa wo ntoto?+O Sion babea, ɔbaabun, dɛn na memma ɛne wo nsɛ na menkyekye wo werɛ?+W’asehwe+ sõ sɛ ɛpo. Hena na obetumi asa wo yare?+ Mika 4:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “O nguanhwɛfo aban, Sion babea bepɔw ketewa,+ wo nkyɛn na tumidi a edi kan no bɛba,+ Yerusalem babea ahenni no.+ Sakaria 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “O Sion babea, ma w’ani nnye.+ O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose.+ Hwɛ, wo hene+ reba wo nkyɛn.+ Ɔyɛ ɔtreneeni na wɔagye no nkwa;+ ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afurum so, afurummere ba so.+
15 Yehowa atow me nnɔmmarima nyinaa afi me mu agu.+Wafrɛ nhyiam atia me sɛ wommubu me mmerante mu asinasin.+Yuda babea, ɔbaabun no, nsã-kyi-amoa+ mu na Yehowa atiatia.+
13 O Yerusalem babea, dɛn na memfa nyɛ adanse mma wo? Dɛn ho na memfa wo ntoto?+O Sion babea, ɔbaabun, dɛn na memma ɛne wo nsɛ na menkyekye wo werɛ?+W’asehwe+ sõ sɛ ɛpo. Hena na obetumi asa wo yare?+
8 “O nguanhwɛfo aban, Sion babea bepɔw ketewa,+ wo nkyɛn na tumidi a edi kan no bɛba,+ Yerusalem babea ahenni no.+
9 “O Sion babea, ma w’ani nnye.+ O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose.+ Hwɛ, wo hene+ reba wo nkyɛn.+ Ɔyɛ ɔtreneeni na wɔagye no nkwa;+ ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afurum so, afurummere ba so.+