33 Asɛm yi akyi no, Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne ho, na mmom ɔsan de ɔmanfo no biara kɛkɛ yeyɛɛ asɔfo+ maa sorɔnsorɔmmea no. Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no tumi,+ na ɔkae sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfo.”
16 Omri ahyɛde+ ne Ahab fie nnwuma nyinaa na mudi akyi,+ na wɔn agyinatu mu na monantew.+ Enti mɛma mo ho ayɛ aman pii nwonwa na wɔde hwiremabɔ ahuro kurow no mufo,+ na amanaman bedi mo ho fɛw.”+