1 Ahene 16:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Na Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne sen wɔn a wodii n’anim nyinaa.+ 2 Ahene 16:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Israel ahene akwan so na ɔfae;+ ɔmaa n’ankasa ba faa ogya mu+ nam so yɛɛ akyide+ a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no bi. 2 Ahene 21:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Sorɔnsorɔmmea a ne papa Hesekia bubui no, ɔsan sisii,+ na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua sɛnea Israel hene Ahab+ yɛe no; ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+
3 Israel ahene akwan so na ɔfae;+ ɔmaa n’ankasa ba faa ogya mu+ nam so yɛɛ akyide+ a amanaman a Yehowa pam wɔn fii Israelfo anim yɛe no bi.
3 Sorɔnsorɔmmea a ne papa Hesekia bubui no, ɔsan sisii,+ na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua sɛnea Israel hene Ahab+ yɛe no; ɔkotow+ ɔsoro asafo+ nyinaa, na ɔsom wɔn.+