26 ɛnde ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefo+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wobetwa mo afi so.+
36 Yehowa de wo+ ne ɔhene+ a wode no bedi wo so no bɛkɔ ɔman bi so, baabi a wo ne w’agyanom biara nnim. Na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wɔde dua ne abo ayɛ.+
64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, fi asase ano kosi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.+
27 Na Yehowa kae sɛ: “Yuda+ nso mɛtow no afi m’anim akyene+ sɛnea metow Israel kyenee+ no; mɛtow kurow a mapaw yi, Yerusalem ne ofie yi akyene, ofie a mekae sɛ, ‘Me din bɛtena hɔ’+ no.”
9 meyi wɔn ama de mmusu aba wɔn so ama asase so ahenni nyinaa awosow,+ na mɛma wɔayɛ ahohorade, na wɔde wɔn bɛka asɛm aserew asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akɔ.+
25 ‘“Na me Yehowa, nea mɛka ara na mɛka, na ɛbɛyɛ hɔ;+ wɔrentu nhyɛ da bio.+ Atuatew fie, mo bere so+ na mɛkasa, na mɛyɛ,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.’”
14 Me Yehowa na maka.+ Ɛbɛba mu,+ na mɛyɛ nso. Meremmu m’ani ngu so,+ merenhu mmɔbɔ+ na merennu me ho.+ Wobebu wo atɛn sɛnea w’akwan ne wo nneyɛe te,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”