25 Ɛbae sɛ ɔsram a ɛto so ason+ mu no, Elisama ba Netania ba Ismael+ a ofi adehye abusua mu no bae, ɔne mmarima du, na wɔbɔɔ Gedalia kum no,+ na wokunkum Yudafo ne Kaldeafo a wɔka ne ho wɔ Mispa no nso.+
2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔree, na wɔde nkrante bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti okum nea Babilon hene de no asi asase no so no.+