5 Bere a onnya mmuae sɛ ɔbɛkɔ no, Nebusaradan kae sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkurow so no nkyɛn, na wo ne no ntena nkurɔfo no mu; anaa baabiara a eye w’ani so sɛ wobɛkɔ no, kɔ.”+
Na awɛmfo so panyin no maa no aduan ne akyɛde, na ɔma ɔkɔe.+