2 Ná ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul,+ aberante a ne ho yɛ fɛ a Israelni biara nni hɔ a ɔsen no ahoɔfɛ mu; efi ne mmati rekɔ no, na ɔware sen obiara, ɔman no mu.+
11 Na ɛbae sɛ wɔn a wonim no kan no huu no no, hwɛ, na ɔne adiyifo no rehyɛ nkɔm. Enti nkurɔfo bisabisae sɛ: “Dɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifo no ho anaa?”+
47 Na Saul hyɛɛ n’ahenni mu den Israel so,+ na ɔne n’atamfo nyinaa ko hyiae—Moabfo+ ne Ammonfo+ ne Edomfo+ ne Soba+ ahene ne Filistifo.+ Baabiara a ɔkɔe nso, ɔtwee wɔn aso.+
23 na atuatew+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne koro, na aniammɔho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ ade koro. Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+