Dwom 86:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wo kwan.+Mɛnantew wo nokware mu.+Ma me koma koro ma ensuro wo din.+ Dwom 119:102 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 102 Memman mfii w’atemmusɛm ho,+Na wo na woakyerɛkyerɛ me.+ Yesaia 30:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduan ama wo na ɔde nhyɛso ayɛ nsu ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw bio, na wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.+ Yesaia 54:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa ankasa bɛkyerɛkyerɛ+ wo mma+ nyinaa, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.+
20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduan ama wo na ɔde nhyɛso ayɛ nsu ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw bio, na wode w’ani behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no.+