10 Na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔho a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+
9 “‘Na sɛ edu homeda+ a, momfa nguammaa anini abien a wɔadi afe afe a wɔte apɔw ne esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw mmɔ aduan afɔre na momfa ɛho nsã afɔre nka ho.