24 Fa dɔte+ yɛ afɔremuka ma me, na fa wo nguan ne w’anantwi bɔ afɔre wɔ so, ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre.+ Afei baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wo nkyɛn abehyira wo.+
11 Na faako+ a Yehowa mo Nyankopɔn ayi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na momfa nea maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ mo ntoboa,+ ne biribiara a moahyɛ bɔ+ sɛ mode bɛma Yehowa.