6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔre,+ ne afɔre a mufi mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwi ne mo nguan mu mmakan+ nyinaa nkɔ.
23 Afei fa w’awi ne wo nsã foforo ne wo ngo nkyem du mu biako, ne w’anantwi ne wo nguan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bedua no.+ Fa bra bedi wɔ n’anim na ama woasua sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+