17 Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye,+ na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo wɔ asɛnni mu no, wubebu no fɔ.+ Eyi ne Yehowa asomfo agyapade,+ na wɔn trenee fi me,” Yehowa asɛm ni.+
11 “Midi w’akyi, na megye wo,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete so no nyinaa adan amamfõ.+ Na wo de, merensɛe wo,+ nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+