Leviticus 26:44 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 44 Nanso bere a wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo no, merempo wɔn+ koraa na meremmu wɔn sɛ abofonode+ a enti mɛtɔre wɔn ase. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. Nehemia 9:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, efisɛ woyɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn. Dwom 78:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Ne nyinaa akyi no, ohuu wɔn mmɔbɔ;+ ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,+ na wansɛe wɔn.+Mpɛn pii na osiankaa n’abufuw,+Na wanhwanyan n’abufuw nyinaa. Kwadwom 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yehowa adɔe+ nti na yɛn ase nhyewee,+ efisɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.+ Hesekiel 20:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “‘“Afei ɛyɛɛ me mmɔbɔ sɛ mɛsɛe wɔn,+ enti mantɔre wɔn ase wɔ sare no so. Amos 9:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “‘Hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa ani wɔ ahenni bɔne no so,+ na ɔbɛsɛe no afi asase so.+ Nanso merensɛe Yakob fie korakora,’+ Yehowa asɛm ni.
44 Nanso bere a wɔwɔ wɔn atamfo asase so mpo no, merempo wɔn+ koraa na meremmu wɔn sɛ abofonode+ a enti mɛtɔre wɔn ase. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.
31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, efisɛ woyɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn.
38 Ne nyinaa akyi no, ohuu wɔn mmɔbɔ;+ ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,+ na wansɛe wɔn.+Mpɛn pii na osiankaa n’abufuw,+Na wanhwanyan n’abufuw nyinaa.
8 “‘Hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa ani wɔ ahenni bɔne no so,+ na ɔbɛsɛe no afi asase so.+ Nanso merensɛe Yakob fie korakora,’+ Yehowa asɛm ni.