Numeri 14:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Nea woaka yi nti mede akyɛ wɔn.+ Yeremia 30:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “Midi w’akyi, na megye wo,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete so no nyinaa adan amamfõ.+ Na wo de, merensɛe wo,+ nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+ Kwadwom 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yehowa adɔe+ nti na yɛn ase nhyewee,+ efisɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.+
11 “Midi w’akyi, na megye wo,”+ Yehowa asɛm ni, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete so no nyinaa adan amamfõ.+ Na wo de, merensɛe wo,+ nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+