2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pon ano+ nyinaa bɔ wɔn mu ase kotow Haman, efisɛ na ɔhene ahyɛ sɛ wɔnyɛ saa. Nanso Mordekai de, na ɔmmɔ ne mu ase na ɔnkotow no nso.+
11 na Haman kaa n’anuonyam ne n’ahode+ ne ne mma+ dodow ne biribiara a ɔhene de ahyɛ no anuonyam ho asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛnea ɔhene ama no so asen mmapɔmma ne ɔhene nkoa a wɔwɔ hɔ nyinaa no.+