Hiob 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa?+ Obiara nte sɛ ɔno asase so, onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ,+ osuro Onyankopɔn+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ Woregyigye me+ sɛ mensɛe no kwa,+ nanso ɔda so kura ne mũdi* mu besi sesɛɛ.”+ Mmebusɛm 11:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Koma mu kɔntɔnkyefo yɛ Yehowa akyide,+ na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ ma n’ani gye.+ Mmebusɛm 27:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.+
3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa?+ Obiara nte sɛ ɔno asase so, onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ,+ osuro Onyankopɔn+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ Woregyigye me+ sɛ mensɛe no kwa,+ nanso ɔda so kura ne mũdi* mu besi sesɛɛ.”+