Hiob 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa?+ Obiara nte sɛ ɔno asase so, onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ,+ osuro Onyankopɔn+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ Woregyigye me+ sɛ mensɛe no kwa,+ nanso ɔda so kura ne mũdi* mu besi sesɛɛ.”+ Hiob 27:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛmpare me sɛ mebu mo bem!+Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi* mu da!+ Dwom 7:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa na obebu aman atɛn.+O Yehowa, bu me atɛn, sɛnea me trenee te+Ne sɛnea mũdi*+ a ɛwɔ me mu no te.
3 Ɛnna Yehowa bisaa Satan bio sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho anaa?+ Obiara nte sɛ ɔno asase so, onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ,+ osuro Onyankopɔn+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ Woregyigye me+ sɛ mensɛe no kwa,+ nanso ɔda so kura ne mũdi* mu besi sesɛɛ.”+
8 Yehowa na obebu aman atɛn.+O Yehowa, bu me atɛn, sɛnea me trenee te+Ne sɛnea mũdi*+ a ɛwɔ me mu no te.