Dwom 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mahodwow.+O Yehowa, sa me yare+ na me nnompe mu agow. Dwom 31:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me nkwa aba awiei awerɛhow mu,+Na me mfe nso, ahomegu mu na aba awiei.+Me mfomso nti m’ahoɔden so atew,+Na me nnompe mu ayɛ mmerɛw.+ Dwom 41:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Me de, mekae sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ.+Sa me kra yare, na mayɛ wo bɔne.”+ Dwom 51:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ma mente ahosɛpɛw ne ahurusi,+Na nea* woabubu no no anya anigye.+
10 Me nkwa aba awiei awerɛhow mu,+Na me mfe nso, ahomegu mu na aba awiei.+Me mfomso nti m’ahoɔden so atew,+Na me nnompe mu ayɛ mmerɛw.+