Dwom 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mahodwow.+O Yehowa, sa me yare+ na me nnompe mu agow. Dwom 38:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 W’abufuw nti, me honam baabiara nnwo me.+Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.+ Yesaia 57:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+
15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+