Dwom 10:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔka ne komam sɛ:+ “Onyankopɔn werɛ afi.+Wayi n’ani ato nkyɛn.+Na ɔrenhu da.”+ Dwom 59:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Hwɛ! Wɔde wɔn ano woro nsɛm basabasa;+Nkrante wɔ wɔn ano,+Na hena na ɔretie?+ Dwom 94:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔkeka sɛ: “Yah aniwa nhu;+Yakob Nyankopɔn nnim nea ɛrekɔ so.”+ Hesekiel 8:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu nea Israel fie mpanyimfo no reyɛ wɔ sum mu,+ nea obiara reyɛ wɔ n’abosonnan mu no? Na wɔka sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn.+ Yehowa agyaw asase no.’”
12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu nea Israel fie mpanyimfo no reyɛ wɔ sum mu,+ nea obiara reyɛ wɔ n’abosonnan mu no? Na wɔka sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn.+ Yehowa agyaw asase no.’”