Dwom 25:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokwareMa wɔn a wodi n’apam+ ne ne nkaesɛm+ so. Dwom 108:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Efisɛ w’adɔe sõ kodu ɔsoro,+Na wo nokware kodu omununkum mu.+ Dwom 138:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,+Na mɛkamfo wo din,+W’adɔe+ ne wo nokware nti.+Efisɛ woama w’asɛm so+ atra wo din mpo.+ Dwom 146:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,+Ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+Ɔno na ɔkora nokware so afebɔɔ,+ Adiyisɛm 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+
2 Mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no,+Na mɛkamfo wo din,+W’adɔe+ ne wo nokware nti.+Efisɛ woama w’asɛm so+ atra wo din mpo.+
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+