Deuteronomium 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɔno na obu atɛn ma nnyanka ne akunafo,+ na ɔdɔ ahɔho+ ma wɔn aduan ne nkataho. Dwom 146:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho;+Ɔno na odi boa agyanka ne okunafo,+Na nnebɔneyɛfo kwan+ de, ɔkyea no.+ Yeremia 49:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Gyaw wo nnyanka,+ na me de mɛhwɛ wɔn, na w’akunafo benya me mu ahotoso.”+ Hosea 14:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Asiria rentumi nnye yɛn nkwa.+ Na yɛrentena apɔnkɔ so.+ Yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma bio sɛ: “O yɛn Nyankopɔn!” efisɛ wo na wuhu agyanka mmɔbɔ.’+ Hebrifo 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛma yenya akokoduru+ ka sɛ: “Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”+
3 Asiria rentumi nnye yɛn nkwa.+ Na yɛrentena apɔnkɔ so.+ Yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma bio sɛ: “O yɛn Nyankopɔn!” efisɛ wo na wuhu agyanka mmɔbɔ.’+