Deuteronomium 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɔno na obu atɛn ma nnyanka ne akunafo,+ na ɔdɔ ahɔho+ ma wɔn aduan ne nkataho. Dwom 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wo na wohwɛ ɔhaw ne ateetee.Wohwɛ sɛ wo nsa bɛka wɔn.+ Wo na agyanka mmɔborɔni+ de ne ho to wo so.Ne boafo ne wo.+ Dwom 68:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nnyanka agya ne akunafo temmufo+Ne Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no.+ Dwom 146:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho;+Ɔno na odi boa agyanka ne okunafo,+Na nnebɔneyɛfo kwan+ de, ɔkyea no.+ Mmebusɛm 23:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wɔn Gyefo no ho yɛ den; ɔno na ɔne wo bedi ama wɔn.+ Yakobo 1:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔsom a ɛho tew+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase+ nkekae+ ho.
14 Wo na wohwɛ ɔhaw ne ateetee.Wohwɛ sɛ wo nsa bɛka wɔn.+ Wo na agyanka mmɔborɔni+ de ne ho to wo so.Ne boafo ne wo.+
27 Ɔsom a ɛho tew+ na efĩ biara nni ho+ yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka+ ne akunafo+ wɔn ahohia mu,+ na watwe ne ho afi wiase+ nkekae+ ho.